28 Afei berɛ a Midianfoɔ+ adwadifoɔ no rebɛtwam no, wɔyii Yosef firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena 20,+ na wɔde Yosef kɔɔ Egypt.
35 Ne mma mmarima ne ne mma mmaa nyinaa yɛɛ biara sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wantie, na ɔkaa sɛ: “Mede awerɛhoɔ bɛkɔ me ba no nkyɛn wɔ Adamena* mu!”+ Na ne papa kɔɔ so ara suu no.