2 Ɛhɔ na Yuda huu Kaananni+ baa bi a ne papa din de Sua, enti ɔwaree no, na ɔne no daeɛ. 3 Ɔbaa no nyinsɛneeɛ, na akyire yi, ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Er.+ 4 Ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Onan. 5 Ɔsan woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Sela. Ɔwoeɛ no, na ɔwɔ Aksib.+