-
Genesis 28:13, 14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Hwɛ! Ná Yehowa wɔ stɛps no atifi, na ɔkaa sɛ:
“Mene Yehowa, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn.+ Mede asaase a woda so yi bɛma wo ne w’asefoɔ.*+ 14 W’asefoɔ* bɛyɛ sɛ asaase so anwea na w’ase bɛtrɛ akɔ baabiara,+ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi ne anaafoɔ; na asaase so mmusua nyinaa nam wo ne w’asefoɔ* so bɛnya nhyira.+
-