17Berɛ a Abram dii mfeɛ 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nante m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.*
40 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Me ne Yehowa anante,+ na menim paa sɛ ɔbɛma ne bɔfoɔ+ aka wo ho na asi wo yie wɔ w’akwantuo mu; enti kɔware ɔbaa firi m’abusua mu ne me papa fie+ brɛ me ba no.