-
Genesis 47:29-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 Afei na aka kakra ama Israel awu.+ Enti ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa hyɛ me srɛ ase,* na da ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ me na di me nokorɛ. Mepa wo kyɛw, nsie me wɔ Egypt.+ 30 Sɛ mewu* a, fa me firi Egypt kɔsie me wɔ m’agyanom adamena mu.”+ Na ɔkaa sɛ: “Mɛyɛ sɛdeɛ woaka no.” 31 Na ɔkaa sɛ: “Ka me ntam.” Na ɔkaa no ntam.+ Afei Israel sii ne tiri ase wɔ mpa no atifi.+
-