17 Afei Efron asaase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamre no ne ɛso ɔbodan ne nnua nyinaa, ɛfiri tire kɔsi tire, 18 bɛdii Abraham nsam, na ɛbɛyɛɛ n’agyapadeɛ wɔ Het asefoɔ ne wɔn a wɔnam kuro no pono ano nyinaa anim.
29 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛrenkyɛ wɔde me bɛkɔ akɔka me nkurɔfoɔ ho.*+ Monkɔsie me nka m’agyanom ho wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hitini Efron asaase so no mu.+30 Wei ne ɔbodan a ɛwɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim wɔ Kaanan asaase so no; ɔbodan yi na Abraham tɔ firii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asieeɛ no.