-
Genesis 26:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Ɛhɔ ara na Abimelek frɛɛ Isak kaa sɛ: “Mahu sɛ ɔbaa yi yɛ wo yere! Adɛn nti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’?” Ɛnna Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ enti a mekaa saa ne sɛ, na mesuro sɛ anhwɛ a ne nti wɔbɛku me.”+ 10 Na Abimelek toaa so sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi?+ Anka worebɛyɛ ama obi ne wo yere ada, na wode asodie abɛto yɛn so!”+
-