17Berɛ a Abram dii mfeɛ 99 no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ: “Mene adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nante m’akwan so, na mma asɛm biara mmma wo ho.*
9 Gyidie nti na ɔtenaa bɔhyɛ asaase no so sɛ ɔhɔhoɔ a ɔte ananafoɔ asaase so.+ Ɔne Isak ne Yakob a na wɔne no nyinaa yɛ bɔhyɛ korɔ no ara ho adedifoɔ*+ no tenaa ntomadan mu.+
13 Gyidie mu na saa nnipa yi nyinaa wuwuiɛ a wɔanhunu sɛ bɔhyɛ ahodoɔ no aba mu;+ nanso wɔhunuu wɔ akyirikyiri+ de anigyeɛ gye toom, na wɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ* sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ wɔ asaase no so.