Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 25:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Ne ba Isak ne ne ba Ismael siee no wɔ Makpela ɔbodan mu wɔ Hitini Sohar ba Efron asaase a ɛbɛn Mamre no so;+ 10 ɛno ne asaase a Abraham tɔ firii Het asefoɔ hɔ no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham kaa ne yere Sara ho.+

  • Genesis 49:29-33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 29 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛrenkyɛ wɔde me bɛkɔ akɔka me nkurɔfoɔ ho.*+ Monkɔsie me nka m’agyanom ho wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hitini Efron asaase so no mu.+ 30 Wei ne ɔbodan a ɛwɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim wɔ Kaanan asaase so no; ɔbodan yi na Abraham tɔ firii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asieeɛ no. 31 Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara,+ ɛhɔ na wɔsiee Isak+ ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ ara nso na mesiee Lea. 32 Het asefoɔ na wɔtɔn asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no.”+

      33 Berɛ a Yakob ne ne mma no kasa wieeɛ no, ɔmaa ne nan so guu mpa so na ɔguu ahome a ɛtwa to, na wɔde no kɔkaa ne nkurɔfoɔ ho.*+

  • Genesis 50:13, 14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Ne mma no de no kɔɔ Kaanan asaase so kɔsiee no ɔbodan mu wɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim. Asaase yi na Abraham tɔ firii Hitini Efron hɔ de yɛɛ asieeɛ no.+ 14 Yosef siee ne papa wieeɛ no, ɔne ne nuanom ne wɔn a ɔne wɔn kɔsiee ne papa no nyinaa san baa Egypt.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane