20 Weinom akyi no, wɔbɛbɔɔ Abraham amanneɛ sɛ: “Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor:+ 21 Ne ba panin Us, ne ne nua Bus, ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya, 22 ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf, ne Betuel.”+ 23 Betuel nso woo Rebeka.+ Mmarima nwɔtwe yi na Milka woo wɔn maa Abraham nua Nahor.