Genesis 12:15, 16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Farao mpanimfoɔ no nso hunuu no, na wɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, enti wɔbɛfaa no kɔɔ Farao fie. 16 Ɔbaa no nti, Farao ne Abram dii no yie, na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu anini ne abedeɛ, nkoa ne mfenaa, ne yoma pii.+ Genesis 13:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Ná Abram anya nyɛmmoa, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ bebree.+ Genesis 24:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Afei, na Abraham mfeɛ akɔ animu na wabɔ akɔkoraa, na na Yehowa ahyira Abraham wɔ biribiara mu.+
15 Farao mpanimfoɔ no nso hunuu no, na wɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, enti wɔbɛfaa no kɔɔ Farao fie. 16 Ɔbaa no nti, Farao ne Abram dii no yie, na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu anini ne abedeɛ, nkoa ne mfenaa, ne yoma pii.+