11 Berɛ a wɔreyɛ aduru Egypt no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: “Mesrɛ wo tie. Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ.+ 12 Enti sɛ Egyptfoɔ hu wo a, deɛ wɔbɛka ara ne sɛ, ‘Hwɛ, ne yere nie.’ Na wɔbɛku me na wɔagya wo. 13 Mesrɛ wo, ɛyɛ a ka sɛ woyɛ me nuabaa, na asi me yie, na wɔanku me.”+