-
Hebrifoɔ 12:16, 17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 na monhwɛ na mo mu biara anyɛ odwamammɔfoɔ* anaa wanyɛ obi a ɔmmu nneɛma kronkron te sɛ Esau a ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no sesaa aduane baako pɛ no.+ 17 Na monim sɛ ɛno akyi no, ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira, nanso wɔpoo no. Ɛwom sɛ ɔtee nisuo, na ɔyɛɛ biara sɛ ɔbɛma wasesa n’adwene,*+ nanso ankɔsi hwee.*
-