42 Berɛ a wɔbɛkaa asɛm a Rebeka ba panin Esau aka no kyerɛɛ no no, ntɛm ara na Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, wo nua Esau abɔ wo ato hɔ; ɔnya wo a, ɔbɛku wo. 43 Enti me ba, tie deɛ mereka akyerɛ wo yi. Sɔre dwane kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.+