16 Saa berɛ no, na Abram yere Sarai nwoo ba biara mmaa no,+ nanso na ɔwɔ Egyptni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar.+ 2 Ɛnna Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Mesrɛ wo tie me. Yehowa asi m’awoɔ ho kwan. Enti mesrɛ wo, wo ne m’abaawa yi nna, na ebia ɔbɛwo ama me.”+ Na Abram tiee Sarai.