5 Hanah deɛ, na ne kyɛfa no yɛ soronko, ɛfiri sɛ Hanah na na ne kunu dɔ no paa, nanso na Yehowa mmaa no nwoo mma.*6 Afei nso, daa na ne kora no bɔ no akutia de teetee no, ɛfiri sɛ na Yehowa mmaa no nwoo mma.
24 Nna bi akyi no, ne yere Elisabet nyinsɛnee. Elisabet de ne ho siee abosome nnum, na ɔkaa sɛ: 25 “Deɛ Yehowa* ayɛ ama me wɔ nna yi mu nie. Watwa n’ani abɛhwɛ me, na wayi m’animguaseɛ afiri hɔ.”*+