Genesis 49:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 “Gad+ deɛ, dɔm bɛto ahyɛ ne so, nanso ɔbɛtoa wɔn akɔto ahyɛ wɔn so.+ Numeri 32:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 Enti Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahemman+ ne Basan hene Og ahemman,+ ne nsaase a ɛdeda wɔn nkuro no ho, ne nkuro a ɛwowɔ nsaase a atwa ho ahyia so no maa Gadfoɔ ne Rubenfoɔ+ ne Yosef ba Manase abusuakuo fã no.+
33 Enti Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahemman+ ne Basan hene Og ahemman,+ ne nsaase a ɛdeda wɔn nkuro no ho, ne nkuro a ɛwowɔ nsaase a atwa ho ahyia so no maa Gadfoɔ ne Rubenfoɔ+ ne Yosef ba Manase abusuakuo fã no.+