4 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘W’akoa Yakob se: “Makɔtena Laban nkyɛn berɛ tenten nie.+ 5 Na manya anantwie, mfunumu, ne nnwan, ne nkoa ne mfenaa,+ na mede nkra yi asoma sɛ wɔmmɛka nkyerɛ me wura na manya w’anim adom.”’”