-
Asomafoɔ Nnwuma 7:30-34Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
30 “Mfeɛ 40 akyi no, ɔbɔfoɔ bi yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ Sinai Bepɔ serɛ so wɔ nwura* bi a ɛredɛre mu.+ 31 Berɛ a Mose hunuiɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa. Na ɔrebɛn ho akɔhwɛ no, ɔtee Yehowa* nne sɛ: 32 ‘Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn.’+ Na ehu kaa Mose, enti wannya akokoɔduro bio sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ dekodeɛ. 33 Yehowa* ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yi wo nan ase mpaboa, na baabi a wogyina no yɛ asaase kronkron. 34 Sɛdeɛ wɔreteetee me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no m’ani tua, na mate wɔn sufrɛ,+ na masiane aba sɛ merebɛgye wɔn. Enti bra ma mensoma wo nkɔ Egypt.’
-