3 Momfa mfeɛ nsia nnua mo afuo mu aba na monyɛ mo bobefuo ho adwuma, na mommoaboa asaase no so nnɔbaeɛ ano.+ 4 Nanso afe a ɛtɔ so nson no, monnya asaase no mma no nhome koraa; ɛyɛ ɔhome afe ma Yehowa. Ɛnsɛ sɛ modua aba biara anaa moyɛ mo bobefuo ho adwuma.