-
Hebrifoɔ 9:18-20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Ɛno nti, kane apam no nso, mogya na ɛmaa ɛyɛɛ adwuma.* 19 Na berɛ a Mose kaa Mmara no mu ahyɛdeɛ nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no, ɔfaa anantwie* ne mpɔnkye no mogya ne nsuo ne ntoma kɔkɔɔ ne sommɛ,* na ɔde petee nwoma* no ne ɔman no nyinaa so, 20 na ɔkaa sɛ: “Apam a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ monni so no, ɛho mogya nie.”+
-