12 Ɔde biribiara a Onyankopɔn nam honhom so de maa no ho plan maa no: Yehowa fie adihɔ,+ adidibea a ɛwowɔ ho nyinaa, nokorɛ Nyankopɔn no fie akoraeɛ, ne akoraeɛ a wɔde nneɛma a wɔayɛ no kronkron*+ gu hɔ no;
44 “Berɛ a yɛn agyanom nam serɛ so no, wɔnyaa adanseɛ ntomadan no. Sɛdeɛ Onyankopɔn de akwankyerɛ maa Mose berɛ a ɔrekasa akyerɛ no no, ɔyɛɛ no pɛpɛɛpɛ te sɛ ɛho nhwɛsoɔ a Nyankopɔn de kyerɛɛ no no.+
5 Ɔsom kronn a mmarima yi de ma no te sɛ deɛ ɛkɔ so wɔ soro+ no, na ɛyɛ ne sunsum.+ Ɛte sɛ ahyɛdeɛ a Onyankopɔn de maa Mose berɛ a na ɔrebɛsi ntomadan no. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ sɛ wobɛyɛ nneɛma nyinaa te sɛ ne nhwɛsoɔ a mede kyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so no.”+
9 Saa ntomadan yi yɛ nhwɛsoɔ ma berɛ a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na sɛdeɛ ɛho nhyehyɛeɛ teɛ no, wɔde akyɛdeɛ ne afɔreɛ nyinaa ma.+ Nanso, wei ntumi mma deɛ ɔyɛ ɔsom adwuma* no ahonim* nwie pɛyɛ.+