Dwom 25:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 O Yehowa, ma menhu w’akwan;+Kyerɛ me w’atempɔn.+ Dwom 27:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wɔ wo kwan so,+M’atamfo nti, kyerɛ me ɛkwantenenee. Dwom 86:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me ma menhu wo kwan.+ Mɛnante wo nokorɛ mu.+ Ma memfa m’akoma nyinaa nsuro* wo din.+ Dwom 119:33 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 33 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me+ na menni w’ahyɛdeɛ so,Na mɛdi so akɔsi aseɛ.+ Yesaia 30:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Sɛ womane fa nifa oo, womane fa benkum oo,+ w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɛkwan no nie.+ Fa so.”
11 O Yehowa, kyerɛkyerɛ me ma menhu wo kwan.+ Mɛnante wo nokorɛ mu.+ Ma memfa m’akoma nyinaa nsuro* wo din.+
21 Sɛ womane fa nifa oo, womane fa benkum oo,+ w’aso bɛte asɛm bi wɔ w’akyi sɛ: “Ɛkwan no nie.+ Fa so.”