Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 29:38-42
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 38 “Deɛ wode bɛbɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so nie: da biara,+ wobɛfa adwennini nkumaa mmienu a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa adwennini nkumaa no baako bɔ afɔreɛ anɔpa na fa baako nso bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.*+ 40 Sɛ wode odwennini kumaa a ɔdi kan no rebɔ afɔreɛ a, fa ngo pa a ɛfiri ngodua mu hin* nkyɛmu nnan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susudeɛ* nkyɛm du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyɛmu nnan mu baako nso bɔ nsã afɔreɛ. 41 Odwennini kumaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.* Fa aduane afɔreɛ ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Fa bɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa. 42 Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ yi wɔ Yehowa anim daa wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na ɛhɔ na mɛyi me ho adi ne mo akasa.+

  • Numeri 28:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Afɔreɛ a wɔde egya hye a mobɛbɔ ama Yehowa nie: Da biara, momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ; monyɛ saa daa.+

  • Hebrifoɔ 10:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Bio nso, da biara, ɔsɔfoɔ biara kɔgyina ne gyinabea yɛ adwuma kronkron,*+ na ɔbɔ afɔreɛ koro no ara mprɛ pii,+ afɔreɛ a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ korakora no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane