3 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ,+ na sɛ nantwie na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔte apɔ na ɔmfa mmra Yehowa anim. 2 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam, na wɔnku no wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.