29 “Wei na fa te wɔn ho na wɔatumi asom sɛ asɔfoɔ ama me: Fa nantwinini kumaa baako ne adwennini mmienu a wɔte apɔ,+ 2 na fa hwiit siam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔka nnim, na fa ngo fra esiam no bi yɛ paanoo a mmɔka nnim a ɛte sɛ kawa.+ Afei yɛ paanoo ntraantraa a mmɔka nnim, na fa ngo sra so.