-
Exodus 29:38-41Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
38 “Deɛ wode bɛbɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia no so nie: da biara,+ wobɛfa adwennini nkumaa mmienu a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa adwennini nkumaa no baako bɔ afɔreɛ anɔpa na fa baako nso bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.*+ 40 Sɛ wode odwennini kumaa a ɔdi kan no rebɔ afɔreɛ a, fa ngo pa a ɛfiri ngodua mu hin* nkyɛmu nnan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susudeɛ* nkyɛm du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyɛmu nnan mu baako nso bɔ nsã afɔreɛ. 41 Odwennini kumaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ afɔreɛ anwummerɛ a anim rebiribiri.* Fa aduane afɔreɛ ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Fa bɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde gya hye ma Yehowa.
-
-
Numeri 28:4-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Momfa odwennini kumaa baako mmɔ afɔreɛ anɔpa, na momfa odwennini kumaa a aka no nso mmɔ afɔreɛ anwummerɛ.*+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako* a wɔde ngo pa a ɛfiri ngodua* mu hin* nkyɛmu nnan mu baako afra mmɔ aduane afɔreɛ.+ 6 Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔ so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ sɛ ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa,
-