24 “Sɛ nso obi hyehye na kuro no anwu anwie na sɛ ɛhɔ soa ma anim dodo anaa ɛho nyinaa yɛ fitaa a, 25 ɔsɔfoɔ no nhwɛ. Sɛ ɛba sɛ ɛhɔ nwi adane fitaa na ɛte sɛ deɛ nsaa no adidi kɔ ne honam mu a, ɛyɛ kwata na apue afiri kuro no mu. Ɔsɔfoɔ no nkyerɛ sɛ ne ho nte, ɛfiri sɛ kwata ayɛ no.