-
Leviticus 15:13, 14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 “‘Sɛ deɛ nsuo firi ne ho sene no ahosene no twa a, ɔntwɛn nnanson mfa nnwira ne ho. Na ɔnsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo a ɛfiri asutene mu nnware mma ne ho nte.+ 14 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu+ mmra Yehowa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no.
-