-
Leviticus 15:4-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 “‘Sɛ nsuo firi obi ho sene a, mpa biara a ɔbɛda so anaa biribiara a ɔbɛtena so no ho nte. 5 Sɛ onipa foforɔ ho kɔka ne mpa a, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntaadeɛ na ɔde nsuo dware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.+ 6 Sɛ deɛ nsuo firi ne ho sene no tena biribi so a, obiara a ɔbɛtena so bi no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔdware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ.
-