19 Monyɛ wei mma wɔn na wɔatena nkwa mu na wɔamma nneɛma a ɛyɛ kronkron paa+ no ho ammɛwuwu. Aaron ne ne mma bɛba ɔsom ntomadan no mu abɛkyerɛ adwuma a obiara bɛyɛ ne deɛ ɔbɛsoa. 20 Ɛnsɛ sɛ wɔba hɔ ma wɔn ani bɔ nneɛma kronkron no so ketekete mpo na wɔanwu.”+