-
Hebrifoɔ 5:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Ɔsɔfo panin biara a wɔyi no firi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfoɔ ma ɔgyina nnipa ananmu yɛ Onyankopɔn som adwuma,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde akyɛdeɛ bɛma, na wabɔ bɔne ho afɔreɛ.+ 2 Nnipa a wɔnnim a wɔdi mfomsoɔ* no, ɔtumi nya ayamhyehyeɛ ma wɔn,* ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ɔno nso wɔ mmerɛyɛ, 3 na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔreɛ, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔmanfoɔ no ara.+
-