Mateo 5:43, 44 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 43 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko+ na tan wo tamfo.’ 44 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo,+ na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo ani,+ Mateo 22:39 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 39 Deɛ ɛtɔ so mmienu a ɛte sɛ ɛno ne sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ Romafoɔ 13:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Na mmara nsɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awareɛ,+ nni awu,+ mmɔ korɔno,+ mma w’ani mmmere adeɛ,”+ ne mmara asɛm foforɔ biara a ɛwɔ hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ asɛm yi mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ Galatifoɔ 5:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na Mmara no nyinaa ba mu* wɔ ahyɛdeɛ baako mu. Ɛne sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+ Yakobo 2:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Enti mmara kunini* a ɛwɔ twerɛsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ modi so a, na morebɔ mmɔden paa.
43 “Motee sɛ wɔkaa sɛ: ‘Dɔ wo yɔnko+ na tan wo tamfo.’ 44 Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ: Monkɔ so nnɔ mo atamfo,+ na mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔtan mo ani,+
9 Na mmara nsɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awareɛ,+ nni awu,+ mmɔ korɔno,+ mma w’ani mmmere adeɛ,”+ ne mmara asɛm foforɔ biara a ɛwɔ hɔ no, wɔabɔ no mua wɔ asɛm yi mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”+
8 Enti mmara kunini* a ɛwɔ twerɛsɛm no mu sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no, sɛ modi so a, na morebɔ mmɔden paa.