-
Numeri 28:26, 27Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
26 “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a mote mo aba a ɛdi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforɔ no bi rebɛbɔ aduane afɔreɛ ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+ 27 Momfa anantwinini nkumaa mmienu ne odwennini baako ne adwennini nkumaa nson a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ hwamhwam* mma Yehowa.+
-