Genesis 26:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Akyire yi, Isak yɛɛ afuo wɔ asaase no so, na saa afe no, ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho 100, ɛfiri sɛ Yehowa hyiraa no.+ Deuteronomium 28:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yehowa bɛhyira w’adekoradan ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na ɔbɛhyira wo wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so. Malaki 3:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Momfa ntotosoɔ du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aduane bɛwɔ me fie.+ Mepa mo kyɛw, momfa wei nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma ɛmmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm nie.
12 Akyire yi, Isak yɛɛ afuo wɔ asaase no so, na saa afe no, ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho 100, ɛfiri sɛ Yehowa hyiraa no.+
8 Yehowa bɛhyira w’adekoradan ne biribiara a wobɛyɛ so,+ na ɔbɛhyira wo wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.
10 Momfa ntotosoɔ du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aduane bɛwɔ me fie.+ Mepa mo kyɛw, momfa wei nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma ɛmmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm nie.