-
Nehemia 10:32, 33Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
32 “Afei nso, yɛbɛhyɛ mmara ama yɛn ho sɛ afe biara yɛn mu biara de dwetɛbena* nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛba abɛboa yɛn Nyankopɔn fie* som adwuma,+ 33 na wɔde adi nneɛma yi ho dwuma: paanoo a wɔde taataa so,*+ daa aduane afɔreɛ,+ daa ɔhyeɛ afɔreɛ a Homeda biara,+ bosome foforɔ biara,+ ne afahyɛ ahodoɔ+ duru so a wɔbɔ, nneɛma kronkron ne bɔne ho afɔreɛ+ a wɔbɔ de pata ma Israel ne adwuma biara a wɔyɛ no yɛn Nyankopɔn fie.
-