6 Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔ so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ sɛ ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam a wɔde egya hye ma Yehowa, 7 ne nsã hin nkyɛmu nnan mu baako a wɔde bɔ ɛho nsã afɔreɛ ka odwennini kumaa biara ho.+ Monhwie nsã a ɛborɔ no ngu kronkronbea hɔ mfa mmɔ nsã afɔreɛ mma Yehowa.