-
Leviticus 23:27-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
27 “Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so du no deɛ, ɛyɛ Mpata Da.+ Ɛyɛ nhyiamu kronkron ma mo; monni awerɛhoɔ,*+ na mommɔ afɔreɛ a wɔde gya hye mma Yehowa. 28 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa da yi, ɛfiri sɛ ɛyɛ da a wɔbɛpata ama mo+ wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim. 29 Obiara* a wanni awerɛhoɔ* saa da no, wɔbɛku no.*+ 30 Na obiara* a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, mɛku no. 31 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Na baabi a mobɛtena biara, wei yɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
-