Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 28:3-8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Afɔreɛ a wɔde egya hye a mobɛbɔ ama Yehowa nie: Da biara, momfa adwennini nkumaa mmienu a wɔte apɔ a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ; monyɛ saa daa.+ 4 Momfa odwennini kumaa baako mmɔ afɔreɛ anɔpa, na momfa odwennini kumaa a aka no nso mmɔ afɔreɛ anwummerɛ.*+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako* a wɔde ngo pa a ɛfiri ngodua* mu hin* nkyɛmu nnan mu baako afra mmɔ aduane afɔreɛ.+ 6 Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔ so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛeɛ sɛ ɛnyɛ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye ma Yehowa, 7 ne nsã hin nkyɛmu nnan mu baako a wɔde bɔ ɛho nsã afɔreɛ ka odwennini kumaa biara ho.+ Monhwie nsã a ɛborɔ no ngu kronkronbea hɔ mfa mmɔ nsã afɔreɛ mma Yehowa. 8 Na momfa odwennini kumaa a aka no mmɔ afɔreɛ anwummerɛ.* Momfa aduane afɔreɛ te sɛ anɔpa deɛ no nka ho, na momfa ɛho nsã afɔreɛ nka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Momfa mmɔ afɔreɛ hwamhwam* a wɔde egya hye mma Yehowa.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane