132 O Yehowa, kae Dawid
Ne animguaseɛ a wafa mu nyinaa.+
2 Kae sɛ ɔkaa Yehowa ntam;
Ɔkaa Yakob Tumfoɔ no ntam sɛ:+
3 “Merenkɔ me fie nkɔwura me ntomadan mu.+
Merenkɔda me mpa so,
4 Meremma nna mma m’ani so,
Na meremma m’ani nkum
5 Kɔsi sɛ mɛnya baabi ama Yehowa;
Kɔsi sɛ mɛnya fie kama ama Yakob Tumfoɔ no.”+