25 Berɛ a Israelfoɔ te Sitim+ no, wɔfirii aseɛ ne Moab mmabaawa bɔɔ adwaman.+ 2 Sɛ wɔrebɔ afɔreɛ ama wɔn anyame a, na mmaa no frɛfrɛ Israelfoɔ no kɔ aseɛ,+ enti Israelfoɔ no firii aseɛ didii na wɔsom wɔn anyame no.+ 3 Enti Israel kɔsom Baal-Peor,+ na Yehowa bo fuu Israel dendeenden.