-
Numeri 19:19, 20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Na deɛ ne ho teɛ no mfa mpete deɛ ne ho nteɛ no so da a ɛtɔ so mmiɛnsa ne da a ɛtɔ so nson no, na ɔnnwira saa onipa no ho mfiri bɔne ho da a ɛtɔ so nson no.+ Afei ɔnsi ne ntaadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho bɛte anwummerɛ.
20 “‘Na sɛ obi ho nte na wannwira ne ho a, wɔnkum* saa onipa* no mfiri asafo no mu,+ ɛfiri sɛ wagu Yehowa kronkronbea ho fĩ. Wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete ne so, enti ne ho nte.
-