-
Numeri 4:24-26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Adwuma a Gersonfoɔ mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa nie:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntomadan no ho ntoma,+ ne ahyiaeɛ ntomadan no ho ntoma, ne ne nkatasoɔ, ne sukraman nwoma nkatasoɔ a ɛgu so,+ ne ntoma a ɛsɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ 26 ne ntoma a ɛsensɛn adihɔ no ho,+ ne ntoma* a ɛwɔ adihɔ no ano,+ adihɔ a ɛwɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho no, ne ɛho nhoma, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma.
-