Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yosua 20:2, 3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Monyi dwankɔbea nkuro+ a menam Mose so kaa ho asɛm kyerɛɛ mo no, 3 na sɛ obi kum obi na wanhyɛ da anaa ne nsa pa na ɔkum* obi* a, wadwane akɔ hɔ. Ɛbɛyɛ dwankɔbea ama mo afiri deɛ wɔaku no no busuani* nsam.+

  • Yosua 20:7, 8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Enti wɔhyiraa nkuro yi so:* Kedes+ a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali mmepɔ mu; Sekem+ a ɛwɔ Efraim mmepɔ mu; ne Kiriat-Arba,+ kyerɛ sɛ, Hebron, wɔ Yuda mmepɔ mu. 8 Yordan mpɔtamu wɔ Yeriko apueeɛ nso, wɔyii Beser+ a ɛwɔ serɛ so no firii Ruben abusuakuo mu. Ná saa serɛ no wɔ bepɔ so asaase tratra no so. Wɔyii Ramot+ a ɛwɔ Gilead firii Gad abusuakuo mu, ɛnna wɔyii Golan+ a ɛwɔ Basan firii Manase abusuakuo mu.+

  • Yosua 21:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Na ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Hebron+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so. Wɔsan maa wɔn Libna+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,

  • Yosua 21:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Wɔde dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ maa wɔn.+ Ɛno ne Sekem+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so a ɛwɔ Efraim mmepɔ so, ɛne Geser+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,

  • Yosua 21:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Deɛ Gersonfoɔ+ a wɔfiri Lewifoɔ mmusua mu no nya firii Manase abusuakuo fã no hɔ nie: Dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ. Ɛno ne Golan+ a ɛwɔ Basan ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Beestera ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro mmienu.

  • Yosua 21:32
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 32 Deɛ wɔnyaa wɔ Naftali abusuakuo hɔ nie: Dwankɔbea kuro+ a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ. Ɛno ne Kedes+ a ɛwɔ Galilea ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ɛne Hamot-Dor ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ne Kartan ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so; nkuro mmiɛnsa.

  • Yosua 21:36
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 36 Deɛ wɔnyaa wɔ Ruben abusuakuo hɔ nie: Beser+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, Yahas ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,+

  • Yosua 21:38
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 38 Deɛ wɔnyaa wɔ Gad abusuakuo hɔ nie:+ Dwankɔbea kuro a sɛ obi kum nipa a ɔbɛdwane akɔ hɔ. Ɛno ne Ramot a ɛwɔ Gilead+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so, ɛne Mahanaim+ ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so,

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane