45 Ɛsɛ sɛ deɛ kwata wɔ ne ho no suane n’ataadeɛ mu na ogya ne tiri nwi saa ara. Afei ma no nkata ne mfemfem so na ɔnteam sɛ, ‘Me ho nte, me ho nte!’ 46 Nna a yareɛ no wɔ ne ho nyinaa, ne ho rente. Ɛsiane sɛ ne ho nte nti, ɔbɛte ne ho akɔtena baabi wɔ asoɛeɛ no akyi.+