5 Hwɛ! Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na ɛnsɛ sɛ ɔyi ne ti,*+ ɛfiri sɛ sɛ wonya wo abɔfra no* pɛ, ɔbɛyɛ Nasirini ama Onyankopɔn. Na ɔno na ɔbɛdi animu agye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”+
17 Enti afei deɛ, ɔkaa n’akomam asɛm nyinaa kyerɛɛ no sɛ: “Menyii me ti* da, ɛfiri sɛ berɛ a wɔwoo me* ara na mebɛyɛɛ Nasirini maa Onyankopɔn.+ Sɛ meyi me ti a, m’ahoɔden nyinaa bɛkɔ, mɛyɛ mmerɛ na mayɛ sɛ onipa biara.”
11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnneɛ mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na yiwan renka ne ti.”+