-
Numeri 7:13-17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Nneɛma a ɔde baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ ne dwetɛ ayowa baako a emu duro yɛ nnwetɛbena* 130 ne dwetɛ kyɛnsee baako a emu duro yɛ nnwetɛbena 70, sɛdeɛ wɔbu dwetɛbena ano wɔ kronkronbea hɔ no.*+ Wɔde esiam muhumuhu a wɔde ngo afra guu emu biara mu mama sɛ aduane afɔreɛ.+ 14 Deɛ ɛka ho bio ne sika kɔkɔɔ kuruwa* a emu duro yɛ nnwetɛbena 10 a aduhwam ayɛ no ma; 15 afei nantwinini kumaa baako, ne odwennini baako, ne odwennini kumaa baako a ɔreyɛ adi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ;+ 16 ne apɔnkye ba baako a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ;+ 17 ne anantwie mmienu ne adwennini nnum ne mpɔnkyenini nnum ne adwennini nkumaa nnum a wɔn mu biara adi afe a wɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔreɛ.+ Wei ne nneɛma a Aminadab+ ba Naason de baa sɛ ɔde rebɛbɔ afɔreɛ.
-