13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asaase wɔ Yuda asefoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ná Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+
11 Na wɔde Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anak agya), kyerɛ sɛ, Hebron,+ a ɛwɔ Yuda mmepɔ mu ne ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so maa wɔn. 12 Na kuro no ho nsaase ne ɛho nkuraa deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapadeɛ.+