33 Na mo mma bɛyɛ nnwanhwɛfoɔ wɔ serɛ no so mfeɛ 40,+ na nokorɛ a moanni no, wɔbɛtua ho ka akɔsi sɛ mo mu deɛ ɔtwa toɔ bɛwu atɔ serɛ yi so.+ 34 Nna a mode kɔhwɛɛ asaase no yɛ nnafua 40,+ enti mfeɛ 40 na mode bɛsoa mo bɔne.+ Da koro biara bɛyɛ afe, na po a mopoo me no, mobɛhunu ne nsunsuansoɔ.