-
Yosua 5:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Berɛ a wɔdii Twam no a adeɛ kyeeɛ no, saa da no ara na wɔfirii aseɛ dii asaase no so nnɔbaeɛ, paanoo a mmɔka* nnim+ ne nkyeweɛ. 12 Na da a wɔdii asaase no so nnɔbaeɛ no bi no, adeɛ kyeeɛ ara na mana no gyaee tɔ, na Israelfoɔ annya mana bio.+ Saa afe no, wɔfirii aseɛ dii Kaanan asaase no so nnɔbaeɛ no bi.+
-